Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 13:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Meyɛ wo boafo de nanso wɔbɛsɛe wo, A! Israel, ne sɛ wo ne me a meyɛ wo boafo no di asi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Meyɛ wo boafoɔ deɛ, nanso wɔrebɛsɛe wo, O Israel!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Wɔasɛe wo, Israel, efisɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo boafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Meyɛ wo boafoɔ deɛ, nanso wɔrebɛsɛe wo, O Israel!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Wɔasɛe wo, Ao Israel, ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo ɔboafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Meyɛ wo boafo de nanso wɔbɛsɛe wo, A! Israel, ne sɛ wo ne me a meyɛ wo boafo no di asi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 13:9
25 Iomraidhean Croise  

na ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wɔkaa no gui no, na ɔkae sɛ: Siria ahene no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔre na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa hintidua.


Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, so.


Yɛn kra twɛn AWURADE, yɛn boafo ne yɛn kyɛm ne no.


Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.


Nea ɔfa ɔyere nni ti, nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa.


na nea ɔfom me no di ne kra aboro, wɔn a wɔtan me nyinaa dɔ owu.


Ao, ɔbɔnefo nnue: Na obedi mmusu, na ne nneyɛe so ade na wɔde bɛma no.


Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wonnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.


So ɛnyɛ ɛno na ɛyɛɛ wo saa, sɛ wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, bere a ɔde wo nam ɔkwan no so?


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.


W’akwan ne wo nsɛnnii na ama eyinom aba wo so, eyi ne w’atemmu, na ɛyɛ nwene; edu wo koma ho pɛɛ.


Mo amumɔyɛ na ama eyinom adan, na mo bɔne na ama adepa abɔ mo.


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so, na wunnim Onyankopɔn bi sɛ me nko, na ogyefo biara nni m’akyi.


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so; awi ne nsa nti na wodi nkyereso, wɔtew m’anim atua.


Me de, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den, nanso pɔw bɔne na wɔbɔ me ho.


Nanso muhura ho, sɛ moka se: Awurade pon no, wɔakum ho, na ɛso ade, n’aduan no nso, yɛ ade a wotumi bu no animtiaa.


Nso moka se: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn ni! Na mopeepee, asafo Awurade na ose, na mode afow ade ne aboa apakye ne aboa yarefo ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛde; so megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa? Awurade na ose.


Na afei, mode nkotɔsrɛ rehwehwɛ Onyankopɔn anim, sɛ ɔmmɛdom yɛn?. Mo nsam na ɛno fii, so mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo Awurade na ose.


Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam omununkum mu.


Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye! Ɔyɛ wo boa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante. W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo, na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan