Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 13:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Me na mihuu wo sare no so, osukɔm asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ, sukɔm asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so, asase a so yɛ hyew yiye no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ, sukɔm asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so, asase a ɛso yɛ hye yie no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Me na mihuu wo sare no so, osukɔm asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 13:5
16 Iomraidhean Croise  

Sɛɛ na ɛyɛɛ me ni: Ahohuru dee me awia, na awɔw dee me anadwo, na m'ani saree dwe.


Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.


Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri.


Medi ahurusi, na m’ani agye w’adɔe ho, sɛ woahwɛ m’amanehunu, na woahu me kra ahohia.


Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam agurow pɛ wo hɔ biribi, asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so.


Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn huu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.


Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mekae wo mmabaabere mu adɔe, w’ayeforobere mu dɔ no, m’akyi a wudii wɔ sare so, wɔ asase a wonnua so ade no so,


Na wɔanka sɛ: AWURADE wɔ he? Nea oyii yɛn fii Misraim asase so no, na ɔma yɛfaa sare so, na ɔma yɛfaa anwea ne abon asase so, keseeyɛ ne sum kabii asase so, asase a obi mfa so na onipa bi nte hɔ so no!


Me de, minim Efraim, na Israel nso nhintaw me; na afei, Efraim, woabɔ aguaman, na Israel ho agu fi.


Mihuu Israel sɛ sare so bobe aba, mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bere a edi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wodwiraa wɔn ho de maa aniwude, na wɔn ho yɛɛ nwini sɛ nneɛma a wɔpɛe no ara.


AWURADE ye, ɔyɛ guankɔbea hia da mu, na onim wɔn a woguan kɔdan no.


Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.


Na afei a moahu Nyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na mosan mo akyi bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛw, na edi hia no ho, na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio?


na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahu wo sare kɛse yi so nantew yi; mfirihyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo ɛ.


Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare pradada so nkekaboa su mu; otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.


ɔno na odii w’anim de wo faa sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔhyehye, ne nkekantwɛre wɔ so so, ne nkyerekyerewa a nsu nni hɔ so; oyii nsu fii ɔbohemmaa botan mu maa wo;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan