Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni ne wɔn nhunumu ano adwinhoni; ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ, nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsode no nyinaa no. Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm se, “Wɔde nnipa bɔ afɔre na wofew nantwimma ahoni ano.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni ne wɔn nhunumu ano adwinhoni; ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ, nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara; wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, nsɛsodeɛ no nyinaa no. Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ. Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ, “Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ na wɔfe anantwie mma ahoni ano.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 13:2
33 Iomraidhean Croise  

Nanso megyaw Israel mu nnipa mpemnsɔn, nkotodwe a ennya nkotow Baal nyinaa ne ano a ennya mfew n’ano nyinaa.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa nnommum no mmma ha, na mudwen nea ɛde AWURADE anim asodi bɛba de abɛpae yɛn bɔne ne yɛn asodi dedaw no so, efisɛ yɛn asodi dɔɔso ma yɛn, na AWURADE abufuhyew wɔ Israel so.


Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho ase no, na ɔno Amon maa mfomso dɔɔso.


Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.


Ɛdɛn nti na wɔmmɔ mo ara na mokɔ so tew atua yi? Ti mu no nyinaa yare, na koma mu no nyinaa agurow;


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Hwɛ, ne mpamfo nyinaa ani bewu, na adwumfo no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu.


Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae.


Wɔn a, wohwie sika fi fotow mu, na wɔde nsenia kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfo paa sɛ ɔnyɛ no onyame, wɔkotow, na wɔsɔre no.


Monkae eyi, na munnwen ho, mo mmaratofo, momfa nhyɛ mo komam.


Nnipa de dwetɛ ne sika hyehyɛ no; ɔde nnadewa ne asae bobɔ mu, na ampɔn.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua!


Yerusalem, ɛdɛn nti na ɔman yi adan wɔn ho a wɔnsan da? Wokura nnaadaa kwan mu pintinn, wɔmpɛ sɛ wɔsan ba.


Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.


Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.


Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.


Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie.


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


O Samaria, wo nantwi ba no ho yɛ nwini, m’abufuw asɔ ahyɛ wɔn, enkosi da bɛn na wɔrentumi ɔbra a ɛho tew bɔ?


Na Israel mu na ɛno fi; odwumfo na ɔyɛe, ɛnyɛ onyame ne no, na Samaria nantwi no, wobebubu no pasaa.


Na hwɛ, moasɔre agyina mo agyanom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfo asefo, sɛ mode AWURADE abufuhyew no bi reka ho de aba Israel so ara.


Na Onyankopɔn anom asɛm se no dɛn? Mama mmarima mpemnsɔn aka ama me a wɔmfaa wɔn nkotodwe nkotow Baal.


Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no.


Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.


Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu Saul atifi, na ofew n’ano kae sɛ: AWURADE asra wo asi ne man Israel so panyin. Na wobedi AWURADE nkurɔfo anim, agye wɔn afi wɔn atamfo a atwa wɔn ho nyinaa nsam. Na eyi ne wo nsɛkyerɛnne sɛ AWURADE asra wo ngo adi ne nkurɔfo ne n’agyapade so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan