Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 13:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔma no so wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; wɔpagyaa no wɔ Israelman mu. Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 13:1
26 Iomraidhean Croise  

Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.


Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔw so tenaa mu; na ofii hɔ kɔkyekyeree Penuel.


Me na wotie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotu;


me kasa akyi wɔnsan nkasa bio, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:


Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so, na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.


Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.


na Aram ti ne Damasko, na Damasko ti ne Resin. Na ɛha mfirihyia aduosia anum no, wobebubu Efraim na anyɛ ɔman bio.


Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.


Na afei meyi n’agyimisɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfi me nsam.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Na Efraim mma nsra ɔfrankaa no tui sɛ wɔn dɔm ahorow te; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama di;


eyinom ne mmarima a Mose soma kɔsraa asase no. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.


Efraim abusuakuw de, Nun ba Hosea;


Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Eyi nti, sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa ara na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mefi ase mayɛ wo kɛse Israel nyinaa ani so, na wɔahu sɛ, sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.


Na Efraim mmarima hyiae, na wotwaam kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛdɛn nti na wutwaam kɔe ne Amonfo kɔkoe, na yɛn de, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankɔ? Yɛde ogya bɛhyew wo fi agu wo so.


Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee dennen pa ara.


Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan