Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 11:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no, saa ara na woguan fii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni, na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no, dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ; wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ, na wɔhyee aduhwam maa ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 11:2
28 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka a ɔyɛe Betel no so, ɔsram a ɛto so awotwe da a ɛto so dunum no so, ɔsram a ɔno nko bɔɔ ne tirim hyɛe no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfo no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so, na ɔhyew aduhuam.


Na afei soma kɔboaboa Israel nyinaa ano brɛ me Karmel bepɔw so, ne Baal adiyifo ahanan aduonum no, ne Asera adiyifo ahanan a wodidi Yesebel pon so no.


Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.


Mɛka mo amumɔyɛde ne mo agyanom amumɔyɛde mabom matua so ka, AWURADE na ose; sɛ wɔahyew aduhuam wɔ mmepɔw so na wɔasopa me wɔ nkoko so nti, mesusuw wɔn kan nsɛnnii no so magu wɔn kokom.


Na me man werɛ afi me, wɔahyew aduhuam ama atetade, na wɔma wohintihintiw wɔn akwan so, teteete atempɔn so, sɛ wɔnnantew akwan a ɛnyɛ akwammɔne so.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: So morennye nteɛso sɛ mubetie me nsɛm? AWURADE asɛm ni.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsan afi wɔn bɔne ho na wɔrenhyew aduhuam mma anyame foforo.


Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.


Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso, sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho, na odii n’adɔfo akyi, na me de, ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.


Mmepɔw atifi na wɔbobɔ afɔre, na wɔhyew aduhuam nkoko so, odum ne duafufu ne odupɔn ase, efisɛ ne nwini ye. Enti mo mmabea bɔ aguaman, na mo sewnom sɛe aware.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Monnyɛ sɛ mo agyanom a kan adiyifo no pae mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mfi mo akwammɔne ne mo nsɛnnii bɔne no so, nanso wɔante, na me nso, wɔantie me, Awurade asɛm ni.


Na wɔampene sɛ wotie, na wɔkekaa wɔn mmati, na wɔsorow wɔn aso na wɔantie.


O! Yerusalem, Yerusalem a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ.


Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.


Mo a mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asi; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na wogyaw AWURADE kɔsom Baal ne Astarot.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan