Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 11:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 11:1
18 Iomraidhean Croise  

Wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, ma Israel nka ɛ,


Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi.


Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛnea AWURADE se ni: M'abakan ne Israel.


Na mise wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wankɔ a, hwɛ, me de, mekum w'abakan.


Sɛ wosom bo m’anim, w’anim aba nyam na me na madɔ wo nti, mede nnipa mɛma masi w’ananmu, na mede aman bi masi wo kra ananmu.


Magyaw me fi, matow m’agyapade magu; mede me kra adɔde mahyɛ n’atamfo nsa.


Kɔ na kɔpae mu gu Yerusalem asom sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mekae wo mmabaabere mu adɔe, w’ayeforobere mu dɔ no, m’akyi a wudii wɔ sare so, wɔ asase a wonnua so ade no so,


Na w’akyide ne w’aguamanneyɛe nyinaa mu no woankae wo mmabaabere nna no a wonam adagyaw ne kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no.


Ɛnna mibetwaa wo ho na mihuu wo, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa!


Ne saa na ayɛ mo Betel, mo bɔne mu bɔne no nti; ade bɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ kora.


Na AWURADE nam odiyifo so yii Israel fii Misraim bae, na ɔnam odiyifo so hwɛɛ wɔn


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so; mɛma woatena ntamadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so, na wunnim Onyankopɔn bi sɛ me nko, na ogyefo biara nni m’akyi.


na mafi hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bon no, mayɛ no anidaso pon, na obegye so wɔ hɔ ne mmabaabere mu, ne ɛda a ofi Misraim asase so foro bae no.


Medɔ mo, Awurade na ose. Na moka se: Wode dɛn na adɔ yɛn? So Esau nyɛ Yakob ne nua? Awurade asɛm ni; nanso medɔɔ Yakob,


na ɔwɔ hɔ ara kosii sɛ Herode wui; na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afi Misraim.


Yiw, ɔdɔ ne man, n’akronkronfo nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn de, wɔboaboa wo nan ase, na wotie w’asɛm.


Ɛnyɛ mo dodow a ɛsen aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wapaw mo, efisɛ mo na musua aman nyinaa mu;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan