Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmu fuw sɛ nkonnyabi, afuw mu akofi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmuo fu sɛ nkonyabi wɔ afuo mu nkofie so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree, wɔka ntamhunu na wɔyɛ apam ahorow; ɛno nti mansotwe sɔresɔre te sɛ wura a bɔre wɔ mu a afifi asase a wɔafuntum so so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmuo fu sɛ nkonyabi wɔ afuo mu nkofie so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree, Wɔka ntam hunu na wɔyɛ apam ahodoɔ; ɛno enti mansotwe sɔresɔre te sɛ wira a borɔ wɔ mu a afifiri asase a wɔafuntum so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmu fuw sɛ nkonnyabi, afuw mu akofi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 10:4
16 Iomraidhean Croise  

Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fi, na Yudafo ne n’afuw a ɔdɔ ho; na ɔhwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, mogyahwiegu na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee.


Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.


Na wɔn de, wɔafom apam so sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.


mo a modan atemmu awɔnwene na mode trenee hwehwe fam no!


So apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwi fɛtɛw hɔ nti na modan atemmu bɔnwoma na modan trenee aba awɔnwene?


Efisɛ mahu sɛ wowɔ bɔnwoma nwenenwene mu, na amumɔyɛ hama akyekyere wo.


wonni ti, apamsɛefo, wonni tema, wonni mmɔborohunu.


na monhwɛ yiye, na ɔbarima bi anaa ɔbea bi anaa abusua bi anaa abusuakuw bi antena mo mu a wɔn koma redan nnɛ afi AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na ntini bi antena mo mu a ɛsow bɔre ne awɔnwene;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.


Na me bo befuw wɔn da no, na magyaw wɔn, na mayi m’ani mahintaw wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn ama wɔaka da no sɛ: So ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


wɔn a wonni tema, apamsɛefo, nsekufo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa,


Na monhwɛ yiye na obi amfi Nyankopɔn adom ho anka akyiri, na wanyɛ sɛ ntini nwenewene bi amfifi anyɛ ɔhaw biara, na amfa nkekae ammɛkeka nnipa bebree,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan