Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene, efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a, dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene, ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a, ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 10:3
14 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Yabes ba Salum bedii hene, Yuda hene Usia afe a ɛto so aduasa akron mu; na odii hene ɔsram wɔ Samaria.


Eye sɛ wɔkɔdɔ AWURADE sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahene so.


wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?


wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu! Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra mma yenhu.


Ne saa na ayɛ mo Betel, mo bɔne mu bɔne no nti; ade bɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ kora.


Samaria de, wobetwa ne hene akyene, sɛ nsu ani ahuru.


Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi.


Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?


Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen? So ɔhene bi nni wo mu, anaasɛ wo fotufo no ayera, na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi?


Na wɔteɛɛm sɛ: Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua anaa? Asɔfo mpanyin no buae sɛ: Yenni hene bi sɛ Kaesare.


Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnne wɔbɛsesaw mo ne mo hene nyinaa akɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan