Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. AWURADE bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu, nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe. Awurade bebubu wɔn afɔremuka, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. AWURADE bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu, enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe. Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 10:2
24 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Elia twiw baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkae sɛ: Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: Sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛe nso, na ka wɔn gu korakora, na bubu wɔn adum.


Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua.


Wonnim de, na wonni nhumu, na wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase;


Na obebubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase so no, na ɔde ogya ahyew Misraim anyame afi no.


na maso Israel fi no mu, wɔn koma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa atew wɔn ho afi me ho.


So Gilead yɛ abusude anaa? Wɔadan ahuhude ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwi bɔ afɔre, wɔn afɔremuka no nso te sɛ afuw mu akofi so abokuw.


Samaria ti ato, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn apemfo mu.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Efraim de ne ho fra aman mu; Efraim yɛ ɔfam a wɔankisa.


Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo wia adum no agu, na matotow mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwini.


na metwitwa w’ahoni ne w’adum afi wo mu, na woansɔre wo nsa ano adwuma bio;


ne wɔn a wɔsɔre ɔsoro asafo, adan atifi, ne asɔrefo a wɔkeka Awurade ntam na wɔkeka wɔn hene ntam,


Na ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, metwitwa abosonhuhuw din afi asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifo no ne efi honhom no afi asase no so akɔ.


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtan biako na wadɔ biako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata biako no na wabu biako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtan obiako, na wadɔ obiako no anaasɛ ɔbɛbata obiako ho, na wabu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Nyankopɔn ne ahonyade.


Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.


Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.


Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.


Na ade kyee a wɔsɔree anɔpatutu no, hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon ti ne ne nsa abien abubu gugu apongua no so, na Dagon kuntunsin nko na aka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan