Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw; ɔsow aba maa ne ho. Bere a nʼaba redɔɔso no, osisii afɔremuka bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yiye no osiesie nʼabosom dum kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ; ɔsoo aba maa ne ho. Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no, ɔsisii afɔrebukyia bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yie no ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 10:1
24 Iomraidhean Croise  

Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne Asera nnua, nkoko sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.


Na sɛ wo nkurow dodow te no, sɛ w’anyame nso dodow te nen, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa ara na moasisi afɔremuka ama aniwude, afɔremuka a wɔhyew so aduhuam ma Baal.


Na asafo AWURADE a ɔtɛw wo no akyerɛ mmusu a ɛreba wo so, bɔne a Israel fi ne Yuda fi ayeyɛ, sɛ wɔhyew aduhuam ma Baal de huru me bo no nti a.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ fae no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wobegye wo w’amanehunu bere mu anaa? Na sɛ wo nkurow dodow te no, saa ara na w’anyame nso dodow te, o Yuda!


So Gilead yɛ abusude anaa? Wɔadan ahuhude ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwi bɔ afɔre, wɔn afɔremuka no nso te sɛ afuw mu akofi so abokuw.


Na Efraim se: Manya me ho ara, manya ade pii; me brɛ nyinaa mu annya amumɔyɛde a ɛyɛ bɔne amma me.


Na ɔbɛsow aba ne nuanom mu. Apuei ahum betu, AWURADE mframa fi sare so bɛbɔ, na n’asubura mu ayow, na ne nsuaniwa to atwa; ɔno na ɔbɛfom adekoradan mu mfɛfɛwade nyinaa.


Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.


Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.


Na afei meyi n’agyimisɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfi me nsam.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Wɔkɔ so dɔ no, wɔkɔ so yɛ me bɔne; wɔn anuonyam no, mɛdan no ahohora.


Na Efraim ama afɔremuka adɔɔso de ayɛ bɔne, afɔremuka no adan wɔn bɔneyɛ.


Wɔn de, wɔasisi ahemfo, na emfi me, wɔasisi mmapɔmma nso, na minnim; wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Monnyɛ abosonhuhuw mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔbo a wɔadi ho adwinni nnsi mo asase so nnkotow nnsɔre wɔ ho, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na AWURADE de Yakob kɛseyɛ resan aba sɛ Israel kɛseyɛ; ɔno a afowfo afow no, na wɔasɛe ne bobe abaa.


Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.


efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan