Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:7
26 Iomraidhean Croise  

Na eyi nyɛ wo sɛnkyerɛnne: Afe yi mu munni ntwakae a efifii, na afe a ɛto so abien no mu, nea ebedi akyiri aba. Na afe a ɛto so abiɛsa mu no, mungu na muntwa, na montɛw bobe nturo, na munni mu aba.


Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti a!


Na anadwo no ara AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


Ɛnna wosian baa ne nkyɛn; na Elisa bɔɔ AWURADE mpae sɛ: Mesrɛ wo, fa anifurae bɔ dɔm yi! Na ɔde anifurae bɔɔ wɔn, sɛ Elisa kae no.


Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim, ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho.


Na woagye yɛn yɛn ahohiafo nsam, na woahyɛ wɔn a wɔtan yɛn aniwu.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.


Na AWURADE gyee Israel nkwa da no fii Misraim nsam, na Israel huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu gu po no ano.


Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye.


Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.


ose: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuw so, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn so no asan aba; na mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Wose: Monsan mfi mo akwammɔne so ne mo nsɛnnii bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afi daapem akosi daapem.


Na munnni anyame foforo akyi nnkɔsom wɔn nnsɔre wɔn, na mommfa mo nsa ano nnwuma nnhuru me bo, na merenyɛ mo bɔne bi.


ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so; na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ.


Na otwaa Lo-ruhama nufu, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.


Efraim de atoro na Israel fi de nsisi atwa me ho asi, nanso Yuda de, ɔbɔ Onyankopɔn kronkronni nokwafo no ho anworaman.


Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose.


na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na AWURADE de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan