Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:6
11 Iomraidhean Croise  

Enti na AWURADE poo Israel asefo nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui.


Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu.


Sɛ ne mmobaa no guan a, wobubu, mmea bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wonni nhumu, enti wɔn yɛfo no yam nhyehye no mma wɔn, na nea ɔnwenee wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Na otwaa Lo-ruhama nufu, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.


Na medua no mafa, asase so, na mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na merenhu ne mma mmɔbɔ, na aguamammɔ mma ne wɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, dɛn na wuhu yi? Na mise: Kyerebennyɛ hama. Na Awurade Nyankopɔn se: Hwɛ, mede kyerebennyɛ hama misi me man Israel mfinimfini, merenkɔ so mintwa wɔn ho bio.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn aniwa sa bɔne ahenni no, na mɛsɛe no afi asase ani, nanso ɔsɛe no meremfa mensɛe Yakob fi no koraa, AWURADE asɛm ni.


Mo a kan no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Onyankopɔn man, mo a munnyaa mmɔborohunu, na afei de, moanya mmɔborohunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan