Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:10
26 Iomraidhean Croise  

Na mɛma w'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnne na obetumi akan w'asefo nso.


Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea, na w'asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so;


Wo na wokae sɛ: Yiye na mɛyɛ wo, na mɛma w'asefo ayɛ sɛ mpoano anwea a dodow nti wontumi nkan.


Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man akosi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Onyankopɔn.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafo fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano:


Anka w’asefo bɛdɔ sɛ anwea, na wo yafunu mufo ayɛ sɛ atoko; wɔrentwa wɔn din nkyene, na wɔrensɛe no mfi m’anim.


Na wo ara wone yɛn agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn agya, yɛn gyefo ne wo din fi tete bemee.


Na afei, AWURADE, yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wobehu me. Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no.


Na wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛde ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔw kronkron Yerusalem so, AWURADE na ose, sɛnea Israel mma de aduan afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu ba AWURADE fi no.


Sɛnea wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔyɛ m’asomfo no adɔ.


Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a midi so tumi nyinaa mu, wɔmfɛre na wonsuro Daniel Nyankopɔn, na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte ase na ogyina hɔ daa, na n’ahenni yɛ nea ɛnsɛe da, na ne tumi bɛtena hɔ akosi ase.


Na ose: To no din sɛ Lo-ami ase ne: Ɛnyɛ me man, na monyɛ me man, na me nso merenyɛ mo Nyankopɔn.


Na medua no mafa, asase so, na mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma


Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi.


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmabea, Awurade Tumfo na ose.


Enti nso na obiako a owui mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wontumi nkan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan