Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 1:1
26 Iomraidhean Croise  

Na Yoas wui, na Yeroboam bɛtenaa n’agua so; na wosiee Yoas Samaria kaa Israel ahene ho.


Na Yoas wui, na wosiee no Samaria kaa Israel ahene ho, na ne ba Yeroboam bedii n’ade.


Yuda hene Amasia, Yoas ba, afe a ɛto so dunum so na Israel hene Yeroboam, Yoas ba, bedii hene, Samaria, mfe aduanan biako.


Israel hene Remalia ba Peka afe a ɛto so abien mu na Yuda hene Usia ba Yotam bedii hene.


Na AWURADE bɔɔ ɔhene no ma ɔyaree kwata de kosii ne wuda; na ɔkɔtenaa ofi foforo a ne nkutoo te mu, na ɔhene ba Yotam na odii ofi no so na ɔyɛɛ ɔkannifo wɔ asase no so.


Na Asaria wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Yotam bedii n’ade.


Yotam dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na ne na din de Yerusa, Sadok ba.


Ahas dii mfe aduonu na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.


Na akronkronne no yɛ anantwi ahansia ne nguan mpensa.


Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.


Na ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba, baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no.


Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba bere so, n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


AWURADE asɛm baa Busi ba ɔsɔfo Hesekiel nkyɛn, Kaldeafo asase so, asu Kebar ho, na ɛhɔ AWURADE nsa baa no so.


AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn ni.


Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni.


Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:


AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.


Dario afe a ɛto so abien, ɔsram a ɛto so awotwe mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn sɛ:


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a,


Sɛnea ɔka Hosea nhoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man”, ne nea mannɔ no no ɔdɔfo;


efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan