Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 So Onyankopɔn bɛkyea atemmu, anaasɛ Otumfo bɛkyea trenee?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Onyankopɔn bɛkyea atemmuo anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana? Otumfo kyea nea ɛteɛ ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Onyankopɔn bɛkyea atemmuo anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa? Otumfoɔ kyea deɛ ɛtene anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 So Onyankopɔn bɛkyea atemmu, anaasɛ Otumfo bɛkyea trenee?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 8:3
29 Iomraidhean Croise  

Eyi mpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra, na ɔtreneeni ayɛ sɛ ɔbɔnefo; eyi mpare wo. Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee anaa?


Na afei AWURADE ho hu ntena mo so. Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam.


So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so?


ɛnne munhu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asawu atwa me ho ahyia.


Hwɛ, ayayade nti meteɛ mu, nso wonnye me so; misu mefrɛ ɔboa, nso ogyefo bi nni hɔ.


Dɛn ne Otumfo no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yebenya?


Ma wɔn aniwa nhu wɔn mmusu, na wonhu Otumfo no abufuhyew no bi.


Na Hiob aka sɛ: Meteɛ, nanso Onyankopɔn amfa me bem amma me.


Ampa ara, Onyankopɔn rentie ahuhusɛm, na Otumfo remmu.


Hena na ɔhyɛɛ no sɛnea ɔnyɛ n’ade mfa, na hena na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne?


Mɛfa me nimdeɛ afi akyirikyiri, na mede me yɛfo no bem mama no.


Otumfo de, yenhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse, na ɔrenkyea atemmu ne trenee a ɛdɔɔso.


So ɔdesani teɛ sen Onyankopɔn, anaa onipa ho tew sen ne yɛfo?


So ɔtɛnyifo bi ne Otumfo no bɛham anaa? Nea ɔne Nyankopɔn gye akyinnye no, ommua ɛ!


So wobɛdan m’atemmu ani, so wubebu me fɔ na woadi bem?


Ampa ara, minim sɛ ɛte sa, na ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn?


Trenee ne atemmu ne w’ahengua nnyinaso, adɔe ne nokware gyina w’anim.


Ɔhene tumfo a wodɔ atemmu, wo na wubu atɛntrenee, Yakob mu atemmu ne trenee, wo na wubu.


Nanso moka sɛ: Awurade kwan nteɛ. Muntie ɛ, Israel fi: So me kwan nteɛ? So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ?


Nanso wo man mma ka sɛ: AWURADE kwan nteɛ! Na wɔn mmom na wɔn kwan nteɛ.


nanso moka sɛ: AWURADE kwan nteɛ! Sɛ obiara kwan te no, saa ara na mebu mo atɛn, Israel fi.


Enti na AWURADE nyaa bɔne ho ani de baa yɛn so, na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ trenee, ne nneyɛe a ɔyɛe nyinaa mu, na yɛantie no.


Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.


Na wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Oguammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.


Na metee sɛ ɛnne bi fi afɔremuka no mu a ese: Yiw, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, w’atemmu yɛ nokware ne trenee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan