Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, wo na woateɛteɛ nnipa bebree so, na nsa a agow no, woahyɛ no den;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree, na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Dwene sɛnea wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛnea woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛw no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree, na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, wo na woateɛteɛ nnipa bebree so, na nsa a agow no, woahyɛ no den;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 4:3
21 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so.


na wodii apiti dapɔnna nnansɔn, anigye mu, efisɛ AWURADE maa wɔn ani gyei, na ɔkom Asiria hene no koma baa wɔn ho ma ɔhyɛɛ wɔn abasam den, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fi adwuma no mu.


Yiw anka mede m’ano mɛhyɛ mo den, na m’anom duema ama mo yaw abotow.


Na aso te a, ehyira me, na aniwa hu me a, edi me adanse.


Meyɛɛ aniwa maa onifuraefo, ne nan nso maa apakye;


meyɛɛ agya maa ahiafo, na nea minnim no mpo asɛm, mehwehwɛɛ mu maa no;


Me na wotie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotu;


wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina, na nankoroma a agurow no, woahyɛ no den.


Ɔtreneeni ano yɛn nnipa pii, na agyimifo de, ti a wonni nti wowuwu.


Anyansafo ano pete nimdeɛ, na nkwasea koma ntim.


Wɔfrɛ komam nyansafo sɛ nhumufo, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.


Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu;


AWURADE Nyankopɔn ama me ɔkyerɛkyerɛfo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ; onyan me daa anɔpa, onyan m’aso, sɛ memfa mintie sɛ asuafo.


Esiane sɛ mode atoro ma ɔtreneeni a me de, menhyɛɛ no awerɛhow no koma tutu, na mohyɛ ɔbɔnefo nsam den, sɛnea ɛbɛyɛ na wansan amfi ne kwammɔne so na wannya nkwa nti,


Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mmpa abaw.


Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


Na ɔbɔfo fii soro beyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no.


Na fa adwuma yi hyɛ Yosua nsa, na hyɛ no den na hyɛ no baninha, efisɛ ɔno na ɔbɛkyɛ asase a wubehu no mu ama wɔn.


Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.


Enti monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan