Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 24:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Hwɛ, sɛ sare so mfurum fi adi no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadi so kɔpɛ aduan, sare so na wonya aduan ma mmofra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadie so kɔpɛ aduane, ɛserɛ so na wɔnya aduane ma mmɔfra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛnea sare so mfurum yɛ no saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan; asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadie so kɔpɛ aduane, ɛserɛ so na wɔnya aduane ma mmɔfra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane te sɛ ɛserɛ so mfunumu no; asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Hwɛ, sɛ sare so mfurum fi adi no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadi so kɔpɛ aduan, sare so na wonya aduan ma mmofra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 24:5
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ sare so afurum, ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.


Wo nkrante so na wonam bɛtena ase, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ, wobɔ mmɔden kenten wo ho a, wubeyi ne kɔndua afi wo kɔn so.


Amimfo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wohuru Onyankopɔn bo te hɔ komm, wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.


Ahema na owudifo sɔre, okum ɔmanehunufo ne hiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifo.


Mfuw so na wotwa mmoa aduan, na wodi ɔbɔnefo bobeturo mu mpɛpɛwa.


Wɔn a wodi kɔm bedi ne nnɔbae, na nsɔe mu po na wɔbɛfa, na adifudepɛfo amene wɔn adedodow.


Onipa fi kɔ n’adwuma ne ne dwumadi ho kosi anadwofa.


Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


ha mu afurum a sare so akokwaw no a ne kra akɔnnɔ mu osɔw mframa no, hena na obesianka ne yem? Wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa remmrɛ, ne sram mu na wohu no.


Na wɔasiesie wɔn koma sɛ ɔfononoo, wɔn atirisopam no mu; wɔn abodootofo da anadwo nyinaa, anɔpa ɛdɛw sɛ ogya framfram.


Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria; wuram afurum a ne nko atew ne ho; Efraim abobɔ adɔfo paa.


Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa.


Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no.


Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan