Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 24:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Wosum ahiafo afiri ɔkwan so; asase so amanehunufo bom hintaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so amanehunufoɔ bom hunta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wosum ahiafo fi kwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so amanehunufoɔ bom hunta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔsum ahiafoɔ firi ɛkwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafoɔ ma wɔkɔtetɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wosum ahiafo afiri ɔkwan so; asase so amanehunufo bom hintaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 24:4
22 Iomraidhean Croise  

Ahema na owudifo sɔre, okum ɔmanehunufo ne hiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifo.


Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osu frɛ ɔboafo, ne ayisaa a onni boafo.


meyɛɛ agya maa ahiafo, na nea minnim no mpo asɛm, mehwehwɛɛ mu maa no;


So mansu mamma nea ɔwɔ amane mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa?


Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho, na mama akunafo ani abu,


sɛ mahu obi a ntama abɔ no nti ɔreyera, na nkataho bi nni ohiani nsam,


Esiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na ɔtaa onipa mmɔboroni ne ohiani ne nea ne koma abubu, sɛ obekum wɔn.


Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho, AWURADE begye no, da bɔne mu.


Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam.


Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so de dɔre n’ade, anaa ɔde ma ɔdefo no, ohia na ebehia no.


Treneefo di ahurusi a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw.


Abɔnefo sɔre a, nnipa hintaw, na wɔyera a, na treneefo redɔɔso.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrante, na wɔn nnyepi yɛ asekan a wɔde we abrɛfo fi asase so, ne ahiafo fi nnipa mu.


sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfo atemmu, na akunafo adan wɔn asade, na wɔafom nyisaa.


na ɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempenside nso ɔnnan mma, na ɔma n’ani so hwɛ ahoni huhuw yɛ akyiwade,


N’agya no, sɛ wadi amim, asisi ne nua na wayɛ nea enye, ne man mu nti, hwɛ, obewu n’amumɔyɛ mu.


Asase no so nkurɔfo di amim, na wɔyɛ awifo, na wɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, na wosisi ɔhɔho gye n’ade, na eyi nteɛ koraa.


Wɔn kɔn dɔ abrɛfo atifi dɔte mpo, na wɔkyea amanehunufo kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa koro ho, sɛ wɔde rehura me din kronkron ho,


Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan