Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 24:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Adɛn nti na Otumfo nhyɛ bere ntua abɔnefo ka, na wɔn a wonim no no nhu ne bere no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka, na wɔn a wɔni no no nhunu saa berɛ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka, na wɔn a wɔni no no nhunu saa berɛ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Adɛn enti na Onyankopɔn nhyɛ berɛ mma atemmuo? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnim noɔ no hwɛ saa da no anim ɛnso ɛmma da?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Adɛn nti na Otumfo nhyɛ bere ntua abɔnefo ka, na wɔn a wonim no no nhu ne bere no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 24:1
29 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kae sɛ: So memfa nea merebɛyɛ yi minsie Abraham anaa?


Efisɛ aka ɛha nnansɔn na matɔ osu magu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapopa ade a nkwa wom nyinaa afi asase ani.


Ɔbɔnefo ho yeraw no, ne nna nyinaa, na wɔde mfe a wɔakan asie otirimmɔdenfo.


Wo nsam na me mmere wɔ, gye me m’atamfo ne m’ataafo nsam.


Ma w’adɔe nkyɛ mma wɔn a wonim wo, ne wo trenee mma koma mu teefo.


Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


Mekae me komam sɛ: Ɔtreneeni ne ɔbɔnefo nyinaa, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn, efisɛ adwuma nyinaa ne nneyɛe nyinaa wɔ ne bere.


Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba atia nea ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa, ne nea wɔama so nyinaa so,


Nea osua koraa no bɛdan apem na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.


Saa da no yɛ AWURADE, asafo AWURADE de, aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were. Na afoa bedidi amee, na wɔn mogya ama abow, na AWURADE, asafo AWURADE, wɔ okum afɔre, benkum fam asase so, wɔ asu Eufrate ho.


ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so; ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wonni nhumu nimdeɛ;


Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so; sɛnea woyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wo, wo nneyɛe bɛsan abebua w’atifi.


Monyɛ komm, Awurade Nyankopɔn anim, na Awurade da no abɛn, na Awurade asiesie okum afɔre, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no.


Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu,


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Na obuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu,


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa mu fi onipa biako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn tenabea hye ato hɔ ama wɔn


Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no.


Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna no mu no, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho,


Ɛno na nea ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfo koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,


Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan