Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so, de po wo nsa ano adwuma, na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya? Adɛn enti na wopo wo nsa ano adwuma na wosere hwɛ amumuyɛfoɔ nhyehyɛeɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 So eye ma wo sɛ wohyɛ obi so, sɛ wopa wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefo agyina so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 10:3
27 Iomraidhean Croise  

Wo nsa na ɛnwenee me na ɛyɛɛ me, me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi.


Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.


na wodan wo honhom tia Onyankopɔn na woma nsɛnkekae fi w’anom?


Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufo nsa, na wasum me ato abɔnefo nsam.


ɛnne munhu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asawu atwa me ho ahyia.


Nanso, Hwɛ! Ɛnyɛ wɔn ara nsam na wɔn nnepa wɔ, abɔnefo agyinatu mpare me!


Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afi amaama, na abɔnefo agyinatu mpare me!


Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem kɔ, ne Otumfo a ɔhyɛ me kra awerɛhow no te ase yi,


Woadan ayɛ sɛ otirimmɔdenfo ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asi.


So ɛnyɛ nea ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na obiakofo na osiesiee yɛn nyinaa ɛna yam?


Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfo no ahome na ɛmaa me nkwa.


So ɔtɛnyifo bi ne Otumfo no bɛham anaa? Nea ɔne Nyankopɔn gye akyinnye no, ommua ɛ!


So wobɛdan m’atemmu ani, so wubebu me fɔ na woadi bem?


Hwɛ, Onyankopɔn mpo nea odi mu, na abɔnefo nso, onso wɔn nsa.


Ne nyinaa yɛ biako; enti na mise: Nea odi mu ne ɔbɔnefo nyinaa na ɔsɛe wɔn.


Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa, ɔkata n’atemmufo ani; sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?


Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.


AWURADE bewie di ama me, AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ.


Na AWURADE tie ahiafo, na ɔnto n’apokyerɛfo ho mpe.


Na afei, AWURADE, yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.


Enti nso wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo, wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan