Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hiob 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔwɔ nguan mpem ason, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahannum ne mfurumbere ahannum, na ɔwɔ asomfo bebree. Na ɔyɛ onipa kɛse pa ara wɔ nnipa a wɔwɔ Apuei fam nyinaa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa wɔ nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hiob 1:3
34 Iomraidhean Croise  

Na ne nti ɔyɛɛ Abram yiye; na onyaa nguan ne anantwi ne mfurum ne nkoa ne mfanaa ne mfurummere ne yoma.


Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na woduu Kanaan asase so.


Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, efisɛ wɔn ahode dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako.


Na AWURADE ahyira me wura pii, na wayɛ ɔkɛse, na wama no nguan ne anantwi, ne dwetɛ ne sika, ne nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfurum.


Na mmea a aka no mma a Abraham wɔ no de, bere a Abraham te ase no, ɔkyɛɛ wɔn ade, na ogyaa wɔn kwan fii ne ba Isak ho ma wɔkɔɔ apuei wɔ apuei asase no so.


Na Yakob siim kɔɔ apuei fam mma no asase so.


mmirekyibere ahanu ne mpapo aduonu, nguammere ahanu ne adwennini aduonu,


So wɔn mmoa ne wɔn ahonyade ne wɔn afieboa nyinaa renyɛ yɛn dea anaa? Momma yɛmpene wɔn ara, na wɔne yɛn ntena.


Ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree pa,


Na Solomon nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.


Na Menahem gyigyee Israel hɔ tow, mmarima a wobetumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbona aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asaria hene. Ɛnna Asaria hene no sanee, na wannyina asase no so hɔ.


Na Moab hene Mesa yɛ nguanhwɛfo, na ɔmaa Israel hene nguanten mma ɔpeha ne adwennini ɔpeha ho nwi.


Na yoma so na Ismaelni Obil di, na mfurum so na Meronotni Yehedia di.


Na ɔtotoo aban atenten nso sare so, na otutuu mmura pii, efisɛ ɔwɔ mmoakuw bebree tataw ne asasetaw so. Ɔwɔ akuafo ne bobe turoyɛfo, mmepɔw so ne Karmel so, efisɛ ɔpɛ kua.


Na ɔkyekyeree nkurow, na onyaa nguan ne anantwi akuwakuw bebree. Na Onyankopɔn maa no ade bebree pa ara.


So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so.


Na ne mmammarima no kɔtow pon wɔ obiako biara fi, obiara ne ne da, na wɔsoma kɔfrɛfrɛ wɔn nuammeanom baasa no bae sɛ wɔne wɔn mmedidi na wɔnnom.


sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fi wɔ? Na ɛhe na ntamadan a abɔnefo tenaa mu no wɔ?


Mepaw wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitiriw, na metenaa hɔ sɛ ɔhene asafo mu, sɛ nea ɔkyekye abooboodifo werɛ.


na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, ne sɛ me nsa aka ade bebree,


anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutu dodow, metwiw mabɛn no sɛ ɔhene.


Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no ti so mpae no, AWURADE dan ne duamda no, na AWURADE de ade a Hiob nyae no nyinaa mmɔho abien maa no.


Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.


Kedar ne Hasor ahenni a Babel hene Nebukadnesar sɛee no de ni: Sɛ AWURADE se ni: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueifo.


Na ɔkasae sɛ: Aram na Balak kɔfaa me fii, Moab hene no faa me fii apuei mmepɔw mu sɛ Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua.


Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so,


Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntamadan ba, na wɔba sɛ mmoadabi pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.


Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛse. Ɔwɔ nguan mpensa ne mmirekyi apem; na ɔretwitwa ne nguan ho wɔ Karmel.


Na Dawid bɔɔ asase no, na wannyaw ɔbarima anaa ɔbea anikan, na ɔfaa nguan ne anantwi ne mfurum ne yoma ne ntade, na ɔsan baa Akis nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan