Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wo de, da wo benkum so, na fa Israel fi amumɔyɛ to so; nna dodow a woda so no na wobɛsoa wɔn amumɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wo deɛ, da wo mfe benkum so, na mede Israel fie amumuyɛ bɛto wo so; ɛnna dodoɔ a woda soɔ no, na wobɛsoa wɔn amumuyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Afei da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodow a wode da wo fa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wo deɛ, da wo mfe benkum so, na mede Israel fie amumuyɛ bɛto wo so; ɛnna dodoɔ a woda soɔ no, na wobɛsoa wɔn amumuyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Afei, da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodoɔ a wode da wo fa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wo de, da wo benkum so, na fa Israel fi amumɔyɛ to so; nna dodow a woda so no na wobɛsoa wɔn amumɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 4:4
11 Iomraidhean Croise  

Na me de, mede wɔn amumɔyɛ mfe no mayɛ nna dodow mama wo, nna ahasa aduakron na wobɛsoa Israel fi amumɔyɛ no.


Na hwɛ, mede nhama megu wo so, na woantwa dafa amfi wo mfe so, ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akosi sɛ wubewie wo nkahyem nna no ansa.


Ɛdɛn nti na moanni bɔne ho afɔre no wɔ kronkronbea hɔ? Efisɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron, na ɛno na wɔde ama mo, sɛ monsoa asafo no mmusu no, na mompata mma wɔn, AWURADE anim.


na ɔpapo no nsoa wɔn mfomso nyinaa mfa nkɔ asase fo so, na onkogyaa ɔpapo no sare so.


Nna a mode kɔsraa asase no dodow a esi adaduanan no so na monsoa mo amumɔyɛ no mfirihyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahu me pa a mapa mo no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanyimfi nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumɔyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodi ho amumɔyɛ.


Na nea odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa.


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔre prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu so, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagye mu.


Ɔno ankasa na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no so sɛ, yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma trenee. Ɔno na wɔde ne mmaa atape asa mo yare.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan