Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israel mma nkyɛn, ɔman atuatefoɔ a wɔate m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de bɛsi nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔkae se, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfo mu, atuatew man a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abesi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israel mma nkyɛn, ɔman atuatefoɔ a wɔate m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de bɛsi nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ mu, atuateɛ ɔman a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abɛsi ɛnnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 2:3
42 Iomraidhean Croise  

Nanso wɔantie, na wosinsen wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn anni no.


Na wɔpoo n’ahyɛde ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pamee ne n’adanse a odii wɔn no, na wokodii ahuhude akyi dii ahuhusɛm, na wokodii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.


Efi yɛn agyanom bere so na asodi kɛse mu na yɛwɔ ara de abedu nnɛ yi, na yɛn amumɔyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ nsaase so ahemfo nsa wɔ afoa, nnommumfa ne ɔfow ne animguase mu, sɛ ɛte nnɛ yi.


Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.


Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho, na wodii adefunu afɔrebɔde,


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Minyin ɛ, na mmom, baabiara a mɛsoma wo no kɔ, na asɛm biara a mɛka wo no ka.


Momma yɛnneda yɛn aniwu mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, na yɛantie AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


Fa nhoma mmobɔwee bi kura, na kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa no ho nyinaa, fi da a mekasa mekyerɛɛ wo, fi Yosia bere so de bedu nnɛ da yi no hyɛ mu.


Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmea ne nkurɔfo a wobuaa no no nyinaa sɛ:


Aduhuam a mo ne mo agyanom, mo ahene ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfo no hyewee, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so no, ɛnonom na AWURADE akae, na aforo ahyɛn ne komam.


Kogyina AWURADE fi ponkɛse mu, na kɔpae asɛm yi mu ka wɔ hɔ sɛ: Muntie AWURADE asɛm, mo Yudafo a mofa aponkɛse yi mu bɛsɔre AWURADE nyinaa.


Ka kyerɛ asowui fifo no sɛ: So munhu dekode a eyi yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.


Na bu asowui fi no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Fa ɔsɛn no si so, fa si so, na hwie nsu nso gu mu.


Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso te, na fa wo koma to nea merema woahu no nyinaa so; na sɛ ɛbɛyɛ na mama woahu nti na wɔde wo baa ha. Ka nea wuhu yi nyinaa kyerɛ Israel fi.


na AWURADE faa me fii nguan akyidi, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.


Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde ho na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Na moka se: Dɛn mu na yɛnsan?


na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Muntie ɛ, mo atuatewfo, so yenyi nsu mfi ɔbotan yi mu mma mo?


Mo a mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asi; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa!


AWURADE anim atuatewfo ne mo fi da a mihuu mo.


Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnan w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan