Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hesekiel 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ na me ne wo nkasa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ, na me ne wo nkasa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hesekiel 2:1
32 Iomraidhean Croise  

ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho!


sɛ nyankontɔn a ɛwɔ omununkum mu osutɔ da te no, saa ara na ɔhyerɛn a etwa ho hyia no te. Ɛno ne AWURADE anuonyam sɛso no tebea. Na mihui no, mehwee ase mede m’anim mibutuw fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Na wo, onipa ba, yɛ otukɔ ade fa, na tu kɔ awia, wɔn anim, na tu fi w’afa kɔ baabi foforo, wɔn anim; ebia wobehu; na asowui fi ne wɔn.


Onipa ba, hyɛ Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wofi wɔn ara komam hyɛ nkɔm no sɛ: Muntie AWURADE asɛm.


Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne, di afomfonsɛm bi, na meteɛ me nsa wɔ so na mibu n’abodoo dua mu, na mema ɔkɔm ba asase so na mitwa nnipa ne mmoa fi so,


Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn komam, na wɔde wɔn amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim, sɛ obisa na mɛma wɔabisa me ase ama wɔn?


Onipa ba, dɛn na obobe dua de sen nnua nyinaa, obobe baa a ɛwɔ wura mu nnua mu no?


Onipa ba, ma Yerusalem nhu n’akyide no,


Onipa ba, to Israel fi aborɔme ka mfatohosɛm kyerɛ wɔn sɛ:


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo.


Na wo, onipa ba, tie nea mereka makyerɛ wo yi, nyɛ ɔsowuifo sɛ asowuifo fi yi; han w’anom, na di nea mede merema wo.


Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So me hɔ adebisa na mobae yi? Sɛ mete ase yi, ampa ara meremma wommisa me ade mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nea wuhu no, di! Di nhoma mmobɔwee yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fi.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka makyerɛ wo nyinaa, fa wo koma gye, na fa w’aso tie,


Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fi nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so nnompe yi benya nkwa anaa? Na mise: AWURADE Nyankopɔn, wo na wunim.


Na wo, onipa ba, fa ntayaa to w’anim, na kurukyerɛw so kurow a ɛne Yerusalem,


Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso te, na fa wo koma to nea merema woahu no nyinaa so; na sɛ ɛbɛyɛ na mama woahu nti na wɔde wo baa ha. Ka nea wuhu yi nyinaa kyerɛ Israel fi.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyinom ne afɔremuka no ho ahyɛde, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyew afɔre na wɔmpete so mogya no:


Na wo, onipa ba, fa nkrante nnamnnam, na fa yɛ ayifo yiwan, na fa yi w’atifi ne wo bogyesɛ, na fa nsenia nkoraa bu mu.


Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Israel asase ni: Awiei no, awiei aba na ɛreba asase no ntwea anan so.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ wo, na gyina wo nan so, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopo migyinae.


na ose: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoe nka wo, yɛ den, yɛ den! Na ɔne me kasae no, mehyɛɛ me ho den, na mise: Ma me wura nkasa, efisɛ woahyɛ me den.


Na ɔbaa nea migyinae hɔ; na ɔbae no, misuroe, na mehwee m’anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hu ase, na adehu no fa awiei bere ho.


Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro!


Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo.


Sɔre kɔ kurow no mu, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan