Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 nanso me Paulo a meyɛ akwakoraa ne Kristo Yesu deduani fi ɔdɔ mu mprempren

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 nanso, ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seesei mesane meyɛ Kristo Yesu deduani nso:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:9
17 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn, nkwakorabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Ntow me nkyene nkwakorabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.


Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.


Na ekosi w’akorayɛ ne wo mmerewayɛ mu mpo, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mɛyɛ, na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi.


Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Onyankopɔn nka mmom.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn adom no kwa.


Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,


Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo


Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.


Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu.


Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.


Na mesrɛ mo ara yiye sɛ monyɛ eyi, na wɔadan me ama mo ntɛm pa.


Adɔfo, mitu mo fo sɛ ahɔho ne amamfrafo, sɛ munyi mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yebese wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɔyerenom amma wɔn mmiako mmiako, dɔm no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sesɛɛ de, moadi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan