Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mebɔ mpaeɛ sɛ nnepa pa nyinaa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidie adɔeɛ nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na mebɔ mpae sɛ nnepa a ɛnam Kristo so wɔ wo mu ho nimdeɛ bɛma wo gyidi adɔe nnwuma no ada adi kɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:6
18 Iomraidhean Croise  

Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa ho talente anum.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.


na ne komam ahintasɛm no ada adi, na ɔde saa akotow de n’anim abutuw fam asɔre Nyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.


Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen;


Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu,


na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so;


Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.


Me nuanom, sɛ obi ka se ɔwɔ gyidi, nanso onni nnwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Gyidi betumi agye no anaa?


Sɛ gyidi nso te ne no. Sɛ enni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Saa ara na mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn,


odwo ne osuro mu, na munnya ahonim pa, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Na sɛ eyinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan