Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo ne me bɔ mu di dwuma a, saa ara nso na gye no to mu sɛnea wubegye me no ara no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

17 Enti sɛ wobu me sɛ ɔyɔnkoɔ deɛ a, gye no sɛ me ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Enti sɛ wubu me sɛ ɔyɔnko de a, gye no sɛ me ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:17
17 Iomraidhean Croise  

Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.


Na obiara a obegye abofra a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me;


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtena me fi; na ɔsrɛɛ yɛn ara na yɛne no kɔe.


Na Tito de, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfo ma mo; yɛn nuanom no de, wɔyɛ asafo horow no asomafo ne Kristo anuonyam.


sɛ amanaman mufo nso bɛyɛ adedifo ne nipadua koro no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa ne bɔhyɛ no ho bi Kristo Yesu mu.


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Na mma wɔn a wɔwɔ wuranom gyidifo mmmu wɔn animtiaa sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yiye, efisɛ wɔn a wonya yiyeyɛ no mu biribi no yɛ gyidifo ne adɔfo. Eyinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho fo.


Mesrɛ wo mema me ba a mewoo no wɔ nkyehama mu, Onesimo


Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m'akoma.


Na sɛ wayɛ wo bɔne bi, sɛ nso ɔde wo ka bi a, bu brɛ me.


Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu


Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako


Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?


Me a meyɛ ɔpanyin bi ne Kristo amanehunu ho dansefo ne anuonyam a wɔrebeyi adi no fafafo nso, mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ:


nea yɛahu na yɛate na yɛka kyerɛ mo, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan