Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:14 - KYERƐW KRONKRON

14 nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso na mempɛ sɛ mefi wʼakyi ayɛ biribi, sɛnea ɛrenyɛ sɛ adɔe biara a wobɛyɛ no fi ɔhyɛ mu na mmom efi ɔpɛ pa mu nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

14 nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 nanso mampɛ sɛ mifi w’akyi meyɛ biribiara, na wo yiyeyɛ anyɛ sɛ efi ɔhyɛ mu, na mmom afi ɔpɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:14
10 Iomraidhean Croise  

Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.


Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.


Na sɛ meyɛ no anigye so a, mewɔ akatua; sɛ nso manyɛ no anigye so a, wɔde ofiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara.


Hena na ɔkɔ ɔsa na n’ankasa tua ne ho ka? Hena na ɔyɛ bobe turo, na onni n’aba bi? Anaasɛ hena na ɔhwɛ mmoakuw, na ɔnnom wɔn nufusu no bi?


Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidi ho, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ.


Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.


Enti medwen sɛ ehia sɛ mitu anuanom no fo sɛ wonni yɛn kan mmra mo nkyɛn, na wommesiesie mo nhyira a mahyɛ ase masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibere.


Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan