Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Filemon 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti ɔyɛ odeduani ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Filemon 1:1
18 Iomraidhean Croise  

Na Paulo koduu Derbe ne Listra. Na hwɛ, baabi a osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani bea bi a ogyidini ba, na n’agya yɛ Helani.


Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.


Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafo ne onua Timoteo de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu.


Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,


Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo


Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo:


Nanso masusuw ho sɛ ehia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfo ne yɔnko sraani ne mo somafo ne me dɛɛfo, ma ɔba mo nkyɛn;


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.


Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo ne onua Timoteo,


Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wofi twetiatwa mu no, kyia mo. Eyinom nko ne me yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekye.


na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Nyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ontu mo fo mo gyidi ho,


Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafo asafo wɔ yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.


Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu,


Marko, Aristarko, Dema ne Luka, me yɔnkonom adwumayɛfo, kyiakyia wo.


nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan