Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Yudafo no de afoa ne okum ne ɔsɛe kaa wɔn atamfo nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfo no sɛnea wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yudafoɔ no de afena ano ne okum ne ɔsɛeɛ kaa wɔn atamfoɔ nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yudafo no kunkum wɔn atamfo, sɛee wɔn wɔ afoa ano. Wokunkum wɔn atamfo, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no nea wɔpɛ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yudafoɔ no de afena ano ne okum ne ɔsɛeɛ kaa wɔn atamfoɔ nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛdeɛ wɔpɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na da a wɔahyɛ no, Yudafoɔ no kunkumm wɔn atamfoɔ, sɛee wɔn wɔ akofena ano. Wɔkunkumm wɔn atamfoɔ, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no deɛ wɔpɛ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:5
11 Iomraidhean Croise  

Na mma no baa so bedii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofo, Kanaanfo no, ase wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahene ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛnea wɔpɛ.


Na wɔde nhoma no somasomaa awɛmfo ma wɔde kɔɔ ɔhene nsaase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wonkunkum na wɔnnwerɛw Yudafo no nyinaa mfi mmerante so nkosi nkwakoraa so, mmofra ne mmea nso, da koro, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfom wɔn nneɛma.


Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade,


Na Susan aban no mu no, Yudafo no kunkum na wɔsɛee mmarima ahanum.


Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru.


Enti yiyi wɔn mma ma ɔkɔm, na yi wɔn to afoa ano, na wɔn yerenom nni mmasigyaw na wɔnnannan akunafo, na owu nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afoa mmobɔ wɔn mmerante dɔm ano.


Efisɛ ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan