Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛse ɔhene no fi, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so yɛɛ kɛse ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Efisɛ na wɔama Mordekai panyin wɔ ahemfi hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa mu, bere a na ne tumi nso rekɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛfiri sɛ na wama Mordekai panin wɔ ahemfie hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa so wɔ ɛberɛ a na ne tumi nso rekɔ soro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:4
14 Iomraidhean Croise  

Na akodi daa Saul fi ne Dawid fi ntam kyɛe. Na Dawid de, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, na Saul fi de, wɔkɔɔ so gurowee ara.


Na Dawid de kɛseyɛ ara, na asafo AWURADE dii n’akyi.


Na Dawid din hyetaa nsaase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu baa amanaman no nyinaa so.


Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛe ne Mordekai kɛse a ɔhene no maa no yɛe no ho asɛm no, wɔankyerɛw Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nhoma no mu?


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.


Wuyii me ne nnipa m’aperedi mu, wode me sii amanaman so ti; ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.


Wɔn a wɔtɛw wɔn AWURADE fi no bɛfefɛw yɛn Nyankopɔn abangua so.


Na AWURADE maa ɔman no anim yɛɛ nyam wɔ Misraimfo anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛse pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim.


Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Hwɛ, me ne w’ahawfo nyinaa bedi, ɛbere no mu, na megye asiifo no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no, na mɛdan wɔn aniwu ayɛ ayeyi, na atene asase nyinaa so.


Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan