Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofo akɛse ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafo no, efisɛ Mordekai ho hu aka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Esiane Mordekai ho hu nti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Esiane Mordekai ho hu enti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:3
9 Iomraidhean Croise  

Wɔne Serubabel ne adikanfo a edidi so yi na ɛbae: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana. Israel man mu mmarima dodow ni:


Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofo ne abirempɔn a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaw ɔman no ne Onyankopɔn fi no.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano.


Na asase biara asase ne kurow biara kurow a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu so no, anigye ne ahosɛpɛw baa hɔ maa Yudafo no, apontow ne dapadi. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree dannan wɔn ho Yudafo, efisɛ na Yudafo no ho hu aka wɔn.


na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no teɛ ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔnkyerɛw nkotwa nhoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔkyerɛwee sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa so no mu,


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.


Na ɔhene Nebukadnesar somae sɛ wonkohyiahyia amantam ahene, mmakoma ne amradofo, atemmufo mpanyin, asannaafo, mmarakyerɛfo atemmufo ne nsaase no so atumfo nyinaa mmra ohoni a ɔhene Nebukadnesar de sii hɔ no dwira.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan