Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Yudafo no boaboaa wɔn ho ano hyiaa wɔn nkurow mu, ɔhene Ahas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔrebɛtow ahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, efisɛ wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ano hyiaa wɔn nkuro mu, Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yudafo no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhaw wɔn no. Nanso obiara antumi ansɔre antia wɔn, efisɛ na obiara suro wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ano hyiaa wɔn nkuro mu, Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yudafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban, de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛha wɔn. Nanso, obiara antumi ansɔre antia wɔn, ɛfiri sɛ, na obiara suro wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:2
12 Iomraidhean Croise  

Na wosiim sɛ wɔrekɔ no; Onyankopɔn ho hu baa nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔantiw Yakob mma no.


Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade,


Na asase biara asase ne kurow biara kurow a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu so no, anigye ne ahosɛpɛw baa hɔ maa Yudafo no, apontow ne dapadi. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree dannan wɔn ho Yudafo, efisɛ na Yudafo no ho hu aka wɔn.


Yudafo hohiafo Hamedata ba Haman mmammarima du no nso, wokunkum wɔn, na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.


Me kra ho asɛmpɛfo ani bewu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.


Mede me tɛkrɛma nso mɛka wo trenee ho asɛm daa, efisɛ wɔn a wɔpɛ me bɔne no ani awu, na wɔn anim agu ase.


Mɛma me ho hu adi w'anim, na mama aman a wobɛkɔ wɔn so no nyinaa agyigya, na mama w'atamfo nyinaa adan wɔn akyi akyerɛ wo.


Aman, monyɛ hoo, na monnwerɛw ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofo nyinaa, monyɛ aso, mummia na monnwerɛw, mummia na monnwerɛw.


Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa ne honhom senee na opirim ne koma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛ ɛte nnɛ da yi.


Na efi AWURADE, sɛ opirim wɔn koma sɛ wonkohyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasaa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Minim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma tutu mo anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan