Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester sɛ: Susan ahenkurow mu na Yudafo akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du, na ɛdɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no so? Nanso ɛdɛn ne nea wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdɛn ne nea woda so repɛ na wɔnyɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: Susa ahenkuro mu na Yudafoɔ akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du no, na ɛdeɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no soɔ? Nanso ɛdeɛn ne deɛ wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne deɛ woda so repɛ na wɔnyɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 ɔma wɔfrɛɛ Ɔhemmea Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no se, “Yudafo no akunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmabarima du no. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha de a, ɛno de asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, dɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo; ka kyerɛ me na mɛyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: Susa ahenkuro mu na Yudafoɔ akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du no, na ɛdeɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no soɔ? Nanso ɛdeɛn ne deɛ wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne deɛ woda so repɛ na wɔnyɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 ɔmaa wɔfrɛɛ Ɔhemmaa Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ no akunkum nnipa ahanum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmammarima edu. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha deɛ a, ɛnneɛ asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, ɛdeɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo. Ka kyerɛ me na mɛyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:12
6 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, ɔhemmea Ester? Na ɛdɛn na worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔde bɛma wo.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛto so abien no mu nso, apontow no ase sɛ: Dɛn ne w’adesrɛ, ɔhemmea Ester, na wɔmma wo, na ɛdɛn ne w’ade a worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔbɛyɛ.


Da no ara nnipa a wokunkum wɔn Susan ahenkurow mu no dodow beduu ɔhene no asom.


Na Yudafo a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan nso, na wokunkum mmarima ahasa Susan. Na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.


Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan