Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 9:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Yudafo hohiafo Hamedata ba Haman mmammarima du no nso, wokunkum wɔn, na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Yudafoɔ hohiahiafoɔ Hamedata ba Haman ne mmammarima du no nso, wɔkunkumm wɔn, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 a, wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no mmabarima du no. Nanso wɔamfa asade biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Yudafoɔ hohiahiafoɔ Hamedata ba Haman ne mmammarima du no nso, wɔkunkumm wɔn, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 a wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no mmammarima edu no. Nanso, wɔamfa asadeɛ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 9:10
20 Iomraidhean Croise  

sɛ efi asaawa so de kosi mpaboa hama so, meremfa biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho;


Yakob mmammarima no baa atɔfo no so bɛfow kurow no mu nneɛma, efisɛ wɔagu wɔn nua ho fi.


Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.


Na wɔde nhoma no somasomaa awɛmfo ma wɔde kɔɔ ɔhene nsaase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wonkunkum na wɔnnwerɛw Yudafo no nyinaa mfi mmerante so nkosi nkwakoraa so, mmofra ne mmea nso, da koro, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfom wɔn nneɛma.


Na Haman kaa wɔn n’ahonya anuonyam ne ne mma dodow ne kɛse a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛnea wama no so asen mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,


na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.


Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade,


Da no ara nnipa a wokunkum wɔn Susan ahenkurow mu no dodow beduu ɔhene no asom.


ne Parmasta ne Arisai ne Aridai ne Waisata,


Wobɛsɛe wɔn aba afi asase so, ne wɔn asefo afi nnipa mma mu.


na ɔkae sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bedi ako afi awo ntoatoaso so de akosi awo ntoatoaso so.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


Na ɔhene kae ma wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn beguu agyata amoa no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wonnya nnuu amoa no ase no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!


Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan