Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo bere no mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa a ɛne ɔsram Siwan no da a ɛto so aduonu abiɛsa, na wɔkyerɛwee sɛnea Mordekai hyɛe no nyinaa kɔmaa Yudafo no, ne amradofo akɛse ne nketewa, ne nsase no so mmapɔmma, de fi India de kosi Etiopia, nsase horow ɔha aduonu asɔn, asase biara asase sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te, ne Yudafo nso sɛ wɔn nkyerɛwee ne wɔn kasa te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti Siwan ɔsram (bɛyɛ Ayɛwohomumɔ) da a ɛto so aduonu anum no, wɔfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔkyerɛw mmara kɔmaa Yudafo ne mmapɔmma, amradofo ne mpasua no mu adwumayɛfo a wɔwɔ amantam ɔha aduonu ason no mu, efi India kosi Etiopia. Wɔkyerɛw mmara no wɔ kasa ahorow a nnipa no ka wɔ ahemman no mu, a Yudafo no ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwan no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, Siwan bosome (bɛyɛ Ayɛwohomumu) da a ɛtɔ so aduonu enum no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔtwerɛɛ mmara kɔmaa Yudafoɔ ne mmapɔmma, amradofoɔ ne mpasua no mu adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson no mu, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Wɔtwerɛɛ mmara no wɔ kasa hodoɔ a nnipa no ka no ahemman no mu, a Yudafoɔ no ka ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:9
10 Iomraidhean Croise  

Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake sɛ: Wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa, na yɛn de, yɛte, na wo ne yɛn nnkasa Yuda kasa, nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no asom.


Na wɔboaa wɔn ho ano Yerusalem, ɔsram a ɛto so abiɛsa no, Asa ahenni afe a ɛto so dunum so.


Na Ahas-weros bere so, Ahas-weros a odii hene fi India de kosii Etiopia, amantam ahorow ɔha aduonu ason so no.


Na ɔsoma ma wɔde nhoma kokɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara so sɛ ne kasa te: Sɛ ɔbarima biara nni ne fi so panyin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.


Na ɔhene Ahas-weros de towyi too asase no, ne mpoaano aman no so.


Ɔhene Nebukadnesar de eyi kɔma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa a wɔte asase nyinaa so: Ensi mo yiye mmoroso!


Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahene ɔha aduonu besisi n’ahenni no so, sɛ wonni ahemman no nyinaa so,


Ɛnna ɔhene Dario kyerɛw kɔmaa aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow a wɔtete asase nyinaa so no nyinaa sɛ: Ensi mo yiye mmoroso!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan