Ester 8:8 - KYERƐW KRONKRON8 Na mo ara monkyerɛw Yudafo no ho sɛnea mopɛ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, efisɛ ɔkyerɛw a wɔakyerɛw ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea nsɔwano no, wontumi nsan. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron8 Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Afei, fa ɔhene din kyerɛw mmara foforo wɔ Yudafo no din mu, ka nea wopɛ biara wɔ mu, na fa ɔhene kaa no sɔw ano. Biribiara a wɔakyerɛw wɔ ɔhene din mu de ne kaa asɔw ano no, wɔnnan ani.” Faic an caibideilNew Revised Asante Twi Bible8 Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm8 Afei, kɔ so fa ɔhene din to nkra kɔma Yudafoɔ, ka deɛ wopɛ biara kyerɛ wɔn, na fa ɔhene kawa no sɔ ano. Nanso, kae sɛ, biribiara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ne kawa asɔ ano no, wɔnnane ani.” Faic an caibideil |
Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no akyerɛwfo ɔsram a edi kan no da a ɛto so dumiɛnsa, na wɔkyerɛwee sɛ Haman hyɛe nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofo ne amantam no mmiako mmiako so ahwɛfo ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛ ne nkyerɛwee te, ne ɔman biara man sɛ ne kasa te; wɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔw ano.