Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:5 - KYERƐW KRONKRON

5 na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no teɛ ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔnkyerɛw nkotwa nhoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔkyerɛwee sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa so no mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no tene ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa nwoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔtwerɛɛ sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa soɔ no mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 kae se, “Sɛ mesɔ Ɔhempɔn ani na sɛ osusuw sɛ eye a, hyɛ mmara a etia sɛe a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no tene ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa nwoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔtwerɛɛ sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa soɔ no mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 kaa sɛ, “Sɛ mesɔ Ɔhenkɛseɛ ani na sɛ ɔdwene sɛ ɛyɛ a, hyɛ mmara a ɛtia sɛeɛ a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:5
9 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no dɔ Ester sen mmea no nyinaa, na onyaa anuonyam ne adom n’anim sen mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmeadi abotiri no hyɛɛ ne ti, na ɔma odii hemmaa Wasti ananmu.


Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ sa.


Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.


sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma ade a meresrɛ na wayɛ nea merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɔpon a merebɛtow wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛ ɔhene aka no.


Ɛnna ɔhemmea Ester buae sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’ade a meresrɛ, ne me nkurɔfo sɛ m’ade a merehwehwɛ,


Enti mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo, na manya w'anim dom; na hu sɛ nkurɔfo yi yɛ wo man a!


Na ɛdɛn na wɔde behu wɔ ha sɛ me ne wo man yi anya w'anim dom, ɛnyɛ wo kɔ a wo ne yɛn bɛkɔ no? Na me ne wo man yi adɛnsow wɔ aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu.


na ose: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ bi wɔ kurow no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim anuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pon ho yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan