Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Ester kasae bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na osui kotow srɛɛ no sɛ onyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafo no ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Ester kasaa bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na ɔsu koto srɛɛ no sɛ, ɔnyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafoɔ ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no se, Haman pɔw a ɔbɔ de tiaa Yudafo no wɔmma wonnyae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Ester kasaa bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na ɔsu koto srɛɛ no sɛ, ɔnyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafoɔ ho no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no sɛ, Haman atirisopam a ɔpam de tiaa Yudafoɔ no, wɔmma wɔnnyae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:3
10 Iomraidhean Croise  

Na oduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔw no so no, obesusoo ne nan; na Gehasi twiw bɛnee sɛ obesum no. Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ ahow wɔ no mu, na AWURADE de ahintaw me, na wanka ankyerɛ me.


Nsɛm yi akyi no, ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba kɛse, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’agua so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa de.


na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.


Na ɔhene no yii ne pɛtea a ogyee Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fi so.


Na ɔhene teɛɛ sika ahempoma no kyerɛɛ Ester. Ɛnna Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim,


Ɛnna Hesekia dan n’ani kyerɛɛ ɔfasu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae sɛ:


ɔne ɔbɔfo no koe, na otumii; osui na ɔpaa no kyɛw; ohuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasae.


Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ahobrɛase suro nti wotiee no.


na ɔde ne ho hwee ne nan ase kae sɛ: Me wura, me so na amumɔyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’asom ɛ, na tie w’afenaa nsɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan