Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ogyee Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ɔgyee no Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fie so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhene no worɔw kaa a ogye fii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapade so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ɔgyee no Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fie so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhene no worɔɔ kawa a ɔgye firii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapadeɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:2
11 Iomraidhean Croise  

Na Farao yii nsɔanokaa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no sedaa nnwira atade, na ɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu,


Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛe ne Mordekai kɛse a ɔhene no maa no yɛe no ho asɛm no, wɔankyerɛw Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nhoma no mu?


Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea fii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafo tamfo no.


Na Ester kasae bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na osui kotow srɛɛ no sɛ onyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafo no ho no.


Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan