Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Emu na ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ano nhyia, na wɔn nkwa nti, wɔnnyina hɔ, na wɔnsɛe na wɔnkum na wɔnnwerɛ ɛdɔm ne ɔman ne mantam biara a ɛhiahia wɔn ho, mmɔfra ne mmaa nso, sɛ wɔbɛfom wɔn nnoɔma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔhene no mmara no maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ ɔman anaa ɔmantam biara a ebetu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ wokunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fow wɔn atamfo no agyapade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Emu na ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ano nhyia, na wɔn nkwa nti, wɔnnyina hɔ, na wɔnsɛe na wɔnkum na wɔnnwerɛ ɛdɔm ne ɔman ne mantam biara a ɛhiahia wɔn ho, mmɔfra ne mmaa nso, sɛ wɔbɛfom wɔn nnoɔma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔhene no mmara no maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ, ɔman anaa ɔmantam biara a ɛbɛtu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ, wɔkunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fo wɔn atamfoɔ no agyapadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:11
9 Iomraidhean Croise  

Na wɔde nhoma no somasomaa awɛmfo ma wɔde kɔɔ ɔhene nsaase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wonkunkum na wɔnnwerɛw Yudafo no nyinaa mfi mmerante so nkosi nkwakoraa so, mmofra ne mmea nso, da koro, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfom wɔn nneɛma.


Na Yudafo a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano, ne da a ɛto so dumiɛnsa ne ne da a ɛto so dunan, na wonyaa ɔhome ne da a ɛto so dunum, na wɔde yɛɛ apontow ne anigye da.


O, Babel babea a wɔayɛ wo pasaa, nhyira ne nea ɔhyɛ wo ananmu, sɛnea wode yɛɛ yɛn no.


Na treneefo ani begye, wobedi Nyankopɔn anim ahurusi na wɔn ho asan wɔn, anigye mu.


Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.


na wɔrenkɔ wuram anyina, na wɔrentwa ebi mfi kwae mu, na akode no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfom wɔn, na wɔafow wɔn a wɔfow wɔn no, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan