Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔde ɔhene Ahas-weros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene pɛtea sɔw ano, na ɔde nhoma no somasomaa ammirikatufo a wɔtete apɔnkɔ so ne mfurumpɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na ɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne mfunumupɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mfrafraeɛ mma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene no kaa sɔw ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfo ahoɔharefo a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene som no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na ɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne mfunumupɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mfrafraeɛ mma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene no kawa sɔɔ ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfoɔ ahoɔherɛfoɔ a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no som no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:10
13 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔde Ahab din kyerɛkyerɛw nhoma, na ɔde ne nsɔanode sosɔɔ ano, na ɔsomasomae ma wɔde nhoma no kɔmaa mpanyimfo ne adehye a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te no.


Na atoko ne sare a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefo nso, wɔde baa nea wɔwɔ hɔ no, wɔn nyinaa sɛnea wɔahyehyɛ wɔn.


Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn.


Na mo ara monkyerɛw Yudafo no ho sɛnea mopɛ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, efisɛ ɔkyerɛw a wɔakyerɛw ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea nsɔwano no, wontumi nsan.


Na me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo, eguan kɔ, enhu adepa bi.


Efisɛ ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforo no; wɔn nyinaa fi Seba reba, sika ne aduhuam na wɔsosoe, na wɔkeka AWURADE ayeyi.


Na wɔde mo nuanom nyinaa befi amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛde ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔw kronkron Yerusalem so, AWURADE na ose, sɛnea Israel mma de aduan afɔre a ɛwɔ ade a emu tew mu ba AWURADE fi no.


Ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi ɛ, Baalim akyi nso minnii ɛ? Hwɛ wo kwan obon no mu, hu nea woayɛ. Yomabere a wagyigya a ɔkɔntɔnkɔntɔn ne kwan,


na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo, na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutefo;


Ɔhene Nebukadnesar de eyi kɔma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa a wɔte asase nyinaa so: Ensi mo yiye mmoroso!


Enti, ɔhene, hyɛ ɛmom no den, na ma wonkurukyerɛw kyerɛw a wɔrensakra, sɛ Media ne Persia mmara a wɔnnan ani no te no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan