Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Da no ara na ɔhene Ahas-weros de Haman, Yudafo tamfo no, fi maa ɔhemmea Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, efisɛ Ester aka sɛnea ɔne no ntam te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Da no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no agyapade maa Ɔhemmea Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, efisɛ na Ɛster akyerɛ sɛnea ɔne no bɔ abusua fa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no agyapadeɛ maa Ɔhemmaa Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, ɛfiri sɛ, na Ɛster akyerɛ sɛdeɛ ɔne no bɔ abusua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 8:1
12 Iomraidhean Croise  

na wɔn a wɔbɛn no ne: Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baasɔn a wohuu ɔhene anim ne ahenni no mu atitiriw no),


Na eduu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no so sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no. Na Ester nyaa wɔn a wohuu no nyinaa anim anuonyam.


Na ɔno na ɔtetew n’agya ne nua ba Hadasa a ɔne Ester, efisɛ na onni agya ne ɛna; na ababaa no nipadua yɛ fɛ, na n’anim nso tew. Na n’agya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.


Ɛnna ɔhene Ahas-weros ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fi mama Ester, na ɔno nso wɔasɛn no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafo no nti.


Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano.


Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma, na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni.


Nea ɔde mfɛntom ne apempensi dɔre n’ade no, ɔboaboa ano ma nea obehu abrɛfo mmɔbɔ.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan