Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Harbona, mpiafo no mu biako, kae ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fi, ne tenten si basafa aduonum anum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛn no wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no piamfo no mu baako kae se, “Haman asi dua a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum wɔ ɔno ara nʼadiwo. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ogyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kae se, “Monsɛn Haman wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:9
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mfɛnsere no, na ɔkae sɛ: Hena na ɔwɔ m’afa, hena? Ɛnna pia mufo baanu anaa baasa buu wɔn ani kyerɛɛ no.


Da a ɛto so ason a nsa ama ɔhene no ani agye no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta ne Abagta, Setar ne Karkas, mpiafo baasɔn no a wɔsom ɔhene Ahas-weros anim no,


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tenten si basafa aduonum anum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛn Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ ɔpon no ho anigye mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔma wɔyɛɛ dua no.


Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafo no bae bɛfaa Haman ɔhareso de no kɔɔ ɔpon a Ester atow no ase.


Na wohui sɛ wɔakyerɛw sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafo baanu a wɔhwɛ ɔpon ano a wɔpɛe sɛ wokum ɔhene Ahas-weros no ho asɛm no.


Ɛnna ɔhene Ahas-weros ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fi mama Ester, na ɔno nso wɔasɛn no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafo no nti.


Na ɔhene no kae sɛ wɔnyɛ sa, na wɔhyɛɛ mmara no Susan, na wɔsensɛn Haman mmammarima du no.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkae nhoma no mu, sɛ n’adwemmɔne a odwen Yudafo no ho no nsan mmebua n’atifi na wɔnsɛn no ne ne mma dua no so.


Ma abɔnefo nhwe wɔn ankasa nsɛmma mu, na me de, ma mintwa ho menkɔ prɛko.


Ma ɔsɛe mmefi wɔn aworaw, na ma n’afiri a wɔasum ahintaw no nyi wɔn, ma wɔmfa patabubu nhwe mu!


Hwɛ sɛ wɔadan sɛ amamfo mprempren yi ara, ehu ama wɔawie sa.


Na ɔhene kae ma wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn beguu agyata amoa no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wonnya nnuu amoa no ase no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Ahemman yi mu abirempɔn, mmakoma, amantam ahene, agyinatufo ne amradofo nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom sɛ: Obiara a obebisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade biara adaduasa yi, gye wo, O ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu.


Enti Dawid tutuu mmirika kogyinaa Filistini no so, na osoo ne nkrante mu twe fii boha mu, na okum no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifo no hui sɛ wɔn bran no awu no, woguanee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan