Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔhene no san fii ahemfi turo no mu baa apontow no ase, na Haman ahwe nnae a Ester wɔ so no so. Na ɔhene kae sɛ: So ɔrebɛhyɛ ɔhemmea po ne no ada wɔ m’anim, wɔ me ara me fi ha nso? Asɛm no fii ɔhene anom ara pɛ, na wɔkataa Haman ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔtew hwee Ɔhemmea Ɛster mpa a ɔrehome wɔ so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso fii ahemfi no turo mu hɔ bae. Ɔhene no bobɔɔ mu se, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmea yi bere a ɔwɔ me nkyɛn wɔ fie ha nso?” Ɔhene no kasa wiee ara pɛ, nʼasomfo no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawie adu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu hɔ baeɛ. Ɔhene no bobɔɔ mu sɛ, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi wɔ ahemfie ha, wɔ mʼani so ha nso?” Ɔhene no kasa wieeɛ ara pɛ, nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawieeɛ aduru.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:8
9 Iomraidhean Croise  

Na nna yi wiee du no, ɔhene no tow nkurɔfo a wɔwɔ Susan abankɛse no mu nyinaa pon fi ɔkɛse so koduu akumaa so nnansɔn, ahemfi turo no abangua so,


nwera ne bibitama sensɛn hɔ, wɔde nhama fufu ne nea ɛberedum asuso mu akyekyere dwetɛ nkaa wɔ mu, abofufu adum ho; sika ne dwetɛ nnae wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobiri ne dame nsɛwee so.


Na Mordekai san baa ɔhene ponkɛse no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodi kɔɔ ne fi, wɔ animguase mu.


Na wɔsɛn Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuw ano dwoe.


Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefo nsa, ɔkata n’atemmufo ani; sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?


Hwɛ, AWURADE bɛtow wo akyene anibere so, Yiw ɔbran katakyi obeso wo mu dennen,


Na ahene bɛyɛ wo gyigyefo, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufumafo; wɔde wɔn anim bebutubutuw fam ama wo, na wɔataforo wo nan ase mfutuma, na woahu sɛ me, mene AWURADE na wɔn a wɔn ani da me so no ani renwu.


Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea oguanhwɛfo hwim nnyaawa abien anaa asokoraa fi gyata anom no, saa ara nso na wobehwim Israelfo a wɔtete Samaria, te sɛ nnae twea so sin bi anaa mpa so ntama sin bi.


Na ebinom fii ase hinam ntasu guu no so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotɔre.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan