Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔhene no sɔree n’abufuw no mu fii apontow no ase kɔɔ ahemfi turo no mu. Na Haman sɔre gyinae sɛ ɔrepa ɔhemmea Ester ne nkwa ho kyɛw, efisɛ wahu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔhene no de abufuw huruw gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfi hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, guan toaa Ɔhemmea Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, efisɛ na onim sɛ nʼawie adu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ nʼawieeɛ aduru.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:7
14 Iomraidhean Croise  

Nanso ɔhemmea Wasti amma sɛnea ɔhene somaa mpiafo ma wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo hurui sɛ, na n’abufuw dɛwee ne mu.


Na nna yi wiee du no, ɔhene no tow nkurɔfo a wɔwɔ Susan abankɛse no mu nyinaa pon fi ɔkɛse so koduu akumaa so nnansɔn, ahemfi turo no abangua so,


Na wɔsɛn Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuw ano dwoe.


Ɔbɔnefo behu ma ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwow; abɔnefo ade a wɔpɛ bɛyera.


Abɔnefo bɛbrɛ wɔn ho ase apapafo anim, na abɔnefo akotow treneefo mmobowano.


Ɔhene ani sɔ akoa nimdefo, na ne bo fuw nea ɔyɛ aniwude.


Ɔhene anibere yɛ owu bɔfo, na ɔba nyansafo pata no.


Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wura so bosu.


Na wo nhyɛsofo mma de akotowakotow bɛba wo nkyɛn, na w’ahiyifo nyinaa bɛba abebum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE kurow, Israel kronkronni no Sion.


Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,


Hwɛ, mede ebinom a wofi Satan hyiadan mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo na wɔnyɛ, na mmom wodi atoro no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkotow wo nan ase, na wɔahu sɛ madɔ wo.


Sɛ ɔka sɛ: Eye a, na asomdwoe wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fuw a, ɛnne hu sɛ wakyere ne mu sa bɔne.


Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ minim sɛ m’agya asusuw bɔne de reba wo so na merenka menkyerɛ wo.


Na afei hwɛ, na dwen nea wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fi nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔbahuhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan