Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛ yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfoɔ no ntumi nhyɛ ɔhene adeɛ a ɛbɛsɛeɛ no ananmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Efisɛ wɔatɔn me ne me manfo ama nnipa a wobekunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, efisɛ ɛno de, ɛyɛ asɛm ketewa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛ yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfoɔ no ntumi nhyɛ ɔhene adeɛ a ɛbɛsɛeɛ no ananmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛfiri sɛ, wɔatɔn me ne me manfoɔ ama nnipa a wɔbɛkunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, ɛfiri sɛ, ɛno deɛ, ɛyɛ asɛm kumaa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:4
18 Iomraidhean Croise  

Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea.


Na wɔde nhoma no somasomaa awɛmfo ma wɔde kɔɔ ɔhene nsaase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wonkunkum na wɔnnwerɛw Yudafo no nyinaa mfi mmerante so nkosi nkwakoraa so, mmofra ne mmea nso, da koro, ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] no da a ɛto so dumiɛnsa no, na wɔmfom wɔn nneɛma.


Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnkyerɛw sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛse ɔpedu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akorade mu.


Ɛnna ɔhene Ahas-weros bua see ɔhemmea Ester sɛ: Hena ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.


Emu na ɔhene maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara kurow so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano nhyia, na wɔn kra nti wonnyina hɔ, na wɔnsɛe na wonkum na wɔnnwerɛw dɔm ne ɔman ne mantam biara a ehiahia wɔn ho, mmofra ne mmea nso, na wɔmfom wɔn ade,


na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfo no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfo sɛe?


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkae nhoma no mu, sɛ n’adwemmɔne a odwen Yudafo no ho no nsan mmebua n’atifi na wɔnsɛn no ne ne mma dua no so.


ne wɔn so abirempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu biako, sɛ amantam ahene no mmu akontaa nkyerɛ wɔn, na ɔhene ade ammɔ no.


Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafo, sɛ moreyi wɔn afi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.


Sɛ AWURADE se ni: Israel amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.


Na sɛ akoa no se ne komam sɛ: Me wura akyɛ ne ba, na ofi ase boro asomfo ne mmaawa no, na odidi na ɔnom bow a,


Na AWURADE de wo bɛsan afa ahyɛn mu akɔ Misraim, ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfo sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo po.


Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafo ne nsusawfo a wɔbɛyɛ adwuma ama me Nyankopɔn fi no befi daa.


Tena me nkyɛn, nsuro, na nea ɔhwehwɛ me akum me no ara na ɔhwehwɛ wo nso. Na me nkyɛn de, wɔbɛhwɛ wo so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan