Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 7:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na wɔsɛn Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuw ano dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti wɔsɛn Haman wɔ dua no a osi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti, wɔsɛnee Haman wɔ dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 7:10
22 Iomraidhean Croise  

Na abodootofo so panyin no de, ɔsɛn no, sɛnea Yosef kyerɛɛ wɔn ase no.


Nsɛm yi akyi a ɔhene Ahas-weros abufuw no ano dwoe no, ɔkaee Wasti ne nea ɔyɛe ne nea wɔahyɛ atia no no.


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tenten si basafa aduonum anum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛn Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ ɔpon no ho anigye mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔma wɔyɛɛ dua no.


Na ɔhene no sɔree n’abufuw no mu fii apontow no ase kɔɔ ahemfi turo no mu. Na Haman sɔre gyinae sɛ ɔrepa ɔhemmea Ester ne nkwa ho kyɛw, efisɛ wahu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.


Na ɔhene no san fii ahemfi turo no mu baa apontow no ase, na Haman ahwe nnae a Ester wɔ so no so. Na ɔhene kae sɛ: So ɔrebɛhyɛ ɔhemmea po ne no ada wɔ m’anim, wɔ me ara me fi ha nso? Asɛm no fii ɔhene anom ara pɛ, na wɔkataa Haman ti.


Ɛnna ɔhene Ahas-weros ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fi mama Ester, na ɔno nso wɔasɛn no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafo no nti.


Na ɔhene no kae sɛ wɔnyɛ sa, na wɔhyɛɛ mmara no Susan, na wɔsensɛn Haman mmammarima du no.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkae nhoma no mu, sɛ n’adwemmɔne a odwen Yudafo no ho no nsan mmebua n’atifi na wɔnsɛn no ne ne mma dua no so.


Na n’ankasa ne nan bɛka no ato atena mu, na wanantew mfiri so.


Obetu akɔ sɛ ɔdae, na wɔrenhu no, na wɔbɛpam no akɔ sɛ anadwo adehu.


Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara komam, na wɔn ta abubu.


Ne mmusu resan abua n’atifi, na n’amim abua ne mpampam.


Na ɔde wɔn mmusu abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti obeyi wɔn hɔ; Yiw, AWURADE, yɛn Nyankopɔn beyi wɔn hɔ.


Nea ɔpɛ papa akyi kwan no hwehwɛ anisɔ, na nea odi bɔne akyi no, ɛba no so.


Wobeyi ɔtreneeni afi ahohia mu, na ɔbɔnefo abesi n’ananmu.


Nea otu amoa bɛhwe ɛno ara mu, na nea omunum ɔbo no, ɛbɛsan aba no so.


Ne saa nti sɛ AWURADE se ni: Mo de, muntiee me ɛ, sɛ mobɛpae ahofadi a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadi mama mo, AWURADE asɛm ni: Mede mo mama afoa ne owuyare ne ɔkɔm; na mɛma asase so ahenni nyinaa aguan mo ho.


Na m’abufuw bewie na mama m’anibere adwo, wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibere no so ade wɔ wɔn so a, wɔahu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Na ɔhene kae ma wɔde mmarima a wɔtotoo Daniel ano no bae de wɔn beguu agyata amoa no mu, wɔn ne wɔn mma ne wɔn yerenom; na wonnya nnuu amoa no ase no, agyata no faa wɔn so, na wɔbobɔɔ wɔn nnompe nyinaa mu.


Ɛnna ɔhene Dario kyerɛw kɔmaa aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow a wɔtete asase nyinaa so no nyinaa sɛ: Ensi mo yiye mmoroso!


Na wokokyin asase so. Ɛnna ɔteɛɛm frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefi adi akɔ atifi fam asase so no ama me honhom ho asan no atifi fam asase no so.


Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan