Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no? Na Haman see ne koma mu sɛ: Hena bio mpo na ɔhene pɛ sɛ odi no ni sen me ara?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? Na Haman see no n’akoma mu sɛ: Hwan bio mpo na ɔwɔ ka me ho a ɔhene pɛ sɛ ɔdi no ni sene me ara?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?” Haman bisaa ne ho se, “Hena na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? Na Haman see no n’akoma mu sɛ: Hwan bio mpo na ɔwɔ ka me ho a ɔhene pɛ sɛ ɔdi no ni sene me ara?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokorɛm, ɔsɔ mʼani no animuonyam?” Haman bisaa ne ho sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no animuonyam sene me?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:6
19 Iomraidhean Croise  

sɛ: Dɛn na mmara no ka sɛ wɔmfa nyɛ ɔhemmea Wasti, sɛ wanni ɔhene Ahas-weros asɛm a mpiafo no kɔka kyerɛɛ no so no?


Na Haman kaa wɔn n’ahonya anuonyam ne ne mma dodow ne kɛse a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛnea wama no so asen mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,


Na Haman faa atade no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kurow no abɔnten no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no.


Ɛnna ɔhene asomfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Haman gyina abangua no so. Na ɔhene no se: Ɔmmra!


Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Onipa a ɔhene pɛ no nidi no,


na wɔmfa atade no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛse no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no, na wɔmma ɔntena ɔpɔnkɔ no so mfa kurow no abɔnten so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no!


Wɔn a me trenee sɔ wɔn ani no, ma wonni ahurusi na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiyedi sɔ n’ani.


Na ntetekwaa akyirisan bekum wɔn, na nkwasea yiyedi bɛsɛe wɔn.


Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.


Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so, na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ntɔn, na wɔamoma wɔn anisuatɛtɛw so!


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


Na me ho bɛsan me wɔn yiyeyɛ ho, na mede wɔn madua asase yi so nokware mu, me koma nyinaa mu ne me kra nyinaa mu.


Wo koma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuru mu, nea ɛhɔ korɔn ne w’agua, wuse wo koma mu sɛ: Hena na obetumi ayi me asi fam?


Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na nea ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no ba a, obese wo sɛ: Ma oyi kwan! Na ɛno na wode aniwu befi akɔfa akyiri tenabea.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan