Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ester 6:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhene kae sɛ: Hena na ɔwɔ abangua no so? Nso na Haman aba ɔhene fi akyiri abangua no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛn Mordekai, dua a wasi ama no no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhene kaa sɛ: Hwan na ɔwɔ abannwa no soɔ? Nso na Haman aba ahemfie akyiri abannwa no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛne Mordekai dua a wasi ama no no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no bisae se, “Hena na ɔhyɛ akyi hɔ adiwo hɔ no?” Ɛbae sɛ, na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhene kaa sɛ: Hwan na ɔwɔ abannwa no soɔ? Nso na Haman aba ahemfie akyiri abannwa no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛne Mordekai dua a wasi ama no no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no bisaa sɛ, “Hwan na ɔhyɛ akyire hɔ adihɔ hɔ no?” Ɛbaa sɛ, na afei na Haman abɛduru ahemfie adihɔ a ɛwɔ akyire hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ester 6:4
12 Iomraidhean Croise  

ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfo nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abangua so a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara biako pɛ na ɛwɔ hɔ, sɛ wokum no, gye nea ɔhene bɛteɛ sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena ase no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.


Na da a ɛto so abiɛsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmea atade, na okogyinaa ahemfi emu fam abangua so, ɔhene dan no ntentenso. Na ɔhene no te n’ahengua so ahemfi, ofi no pon ano ntentenso.


Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tenten si basafa aduonum anum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛn Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ ɔpon no ho anigye mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔma wɔyɛɛ dua no.


Ɛnna ɔhene no kae sɛ: Anuonyam bɛn na wɔahyɛ Mordekai na dibea bɛn na wɔama no eyi ho? Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kae sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.


Ɛnna ɔhene asomfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Haman gyina abangua no so. Na ɔhene no se: Ɔmmra!


Na Harbona, mpiafo no mu biako, kae ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fi, ne tenten si basafa aduonum anum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛn no wɔ so.


Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu, na obutuw akɔntɔnkyefo agyina.


Nea ɔte soro no serew, AWURADE di wɔn ho fɛw.


sɛ obegye wɔn kra afi wu mu, na wama wɔanya nkwa ɔkɔm mu.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan